Psalms 63:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wɔbɛmua atorofoɔ ano. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho, obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho, na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho, obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho, na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene de, n’ani begye Onyankopɔn ho; obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehye ne ho, na wobemua wɔn a wodi atoro ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wobemua atorofo ano. Wɔde ma dwonkyerɛfo.