Psalms 64:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho, na wadwane akɔtoa no, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho, na wadwane akɔtoa no, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔtreneeni ani begye AWURADE ho, na waguan atoa no, na komam teefo nyinaa bɛhyehye wɔn ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu; ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ! Wɔde ma dwonkyerɛfo.