Psalms 65:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee na wokaa nkofie no sram so; wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ na wohyiraa ɛso afifideɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Woguguu n’akofie so nsuo de honoo emu apɔapɔ, wode osuo yɛɛ no bɛtɛɛ, wohyiraa ne fire so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Woguguu n’akofie so nsuo de honoo emu apɔapɔ, wode osuo yɛɛ no bɛtɛɛ, wohyiraa ne fire so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wuguguu n’akofi so nsu de honoo mu apɔwapɔw, wode osu yɛɛ no bɛtɛɛ, wuhyiraa ne fifi so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyee na wokaa nkɔmoa no kataa so; wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛ na wuhyiraa so afifide.