Psalms 65:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nhyira nka wɔn a woyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nhyira ne deɛ woyi no na woma no bɛn wo sɛ ɔntena w’abannwa soɔ. Wo fie nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefie kronkron nnepa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nhyira ne deɛ woyi no na woma no bɛn wo sɛ ɔntena w’abannwa soɔ. Wo fie nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefie kronkron nnepa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nhyira ne nea wuyi no na woma ɔbɛn wo sɛ ɔntena w’abangua so. Wo fi nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefi kronkron nnepa no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma, nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.