Psalms 69:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso sene me tiri so nwi; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennane deɛ menwiaaɛ no mma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn a wɔtan me kwa dɔɔso sen me ti so nwi, m’asɛefo a wɔyɛ m’atamfo atorofo dɔɔso, nea memfae no, wose mennan memma.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me ti so nwi; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennan nea minnwiae no mma.