Psalms 78:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔde adanseɛ tintim Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhunu,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔde adanseɛ tintim Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhunu,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔde adanse tintimii, Yakob mu, na ɔhyɛɛ mmara, Israel mu, ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom sɛ wɔmma wɔn mma nhu,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, nea ɔhyɛɛ yɛn nenanom sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,