Psalms 79:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so; wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu, wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agoago.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu, wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agoago.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapade mu, wɔagu w’asɔrefi kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agowagow.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so; wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, wɔama Yerusalem adan nnwiriwii.