Psalms 86:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ, na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase na wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yɛ me ho nsɛnkyerɛnneɛ ma no nsi me yie, na m’atamfoɔ nhunu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekyere me werɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yɛ me ho nsɛnkyerɛnneɛ ma no nsi me yie, na m’atamfoɔ nhunu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekyere me werɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yɛ me ho sɛnkyerɛnne ma ensi me yiye, na m’atamfo nhu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekye me werɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne, na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu ase na wo, Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.