Psalms 89:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho, na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho, na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛno de mede abaa mɛba mabɛhwɛ wɔn mmarato, na mede ɔhaw ahorow mabɛhwɛ wɔn amumɔyɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;