Psalms 94:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn; Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde wɔn mmusu abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti obeyi wɔn hɔ; Yiw, AWURADE, yɛn Nyankopɔn beyi wɔn hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obetua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumɔyɛ nti wasɛe wɔn; Awurade yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.