Revelation 1:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nsoromma ason a wuhu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason no nso yɛ asafo ason no.”