Revelation 11:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.