Revelation 14:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mihui, na hwɛ, Oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei mehwɛe, na mihuu sɛ Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.