Revelation 14:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔtiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamena a ɛwɔ kuropɔn no mfikyire, na mogya firii bobe no mu teneeɛ sɛ asubɔnten akwansini ahaanu a emu dɔ nso bɛyɛ anammɔn enum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wotiatiaa nsa-kyi-amoa no so kurow no akyi, na mogya fii nsa-kyi-amoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wotiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamoa a ɛwɔ kuropɔn no mfikyiri, na mogya fii bobe no mu sen sɛ asubɔnten, akwansin ahannu na mu dɔ nso bɛyɛ anammɔn anum.