Revelation 15:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hena na ɔrensuro wo, Awurade? Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, efisɛ obiara ahu wo nnwuma trenee no.”