Revelation 17:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔatwerɛ edin bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛaseɛ no wɔ ahintasɛm mu sɛ, “Babilonia kɛseɛ asase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ maame.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwaman ne akyiwadeɛ na.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔakyerɛw din bi ne moma so sɛ: Ahintasɛm. Babel kɛse no, asase so nguaman ne akyide.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛase no wɔ ahintasɛm mu se, “Babilonia Kokuroko, Asase So Nguamanfo Ne Akyiwade Na.”