Revelation 18:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na aduaba a wo kra kɔn dɔ no afiri wo nkyɛn, na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa afiri wo ho ayera, na worenhunu bio koraa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na aduaba a wo kra kɔn dɔ no afiri wo nkyɛn, na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa afiri wo ho ayera, na worenhunu bio koraa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nnuaba a wo kra kɔn dɔ no afi wo nkyɛn, na nnepa ne anuonyanne nyinaa afi wo ho ayera, na worenhu bio koraa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’