Revelation 19:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kyerɛw: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn Oguammaa no ayeforo ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokware ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Kyerɛw sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn wɔ Oguamma no ayeforohyia anwummere aponto ase.” Ɔka kaa ho se, “Eyi yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”