Revelation 20:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio.