Revelation 20:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi enti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyiraeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraehyɛde ankeka wɔn moma so ne wɔn nsa ho. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem.