Revelation 21:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛwɔ ɔfasuo kɛseɛ tentene, a ɛwɔ aponkɛseɛ dummienu, na abɔfoɔ dummienu tete apono no ano. Apono no so na wɔatwerɛ din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuo dummienu no din.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛwɔ ɔfasuo kɛseɛ tentene, a ɛwɔ aponkɛseɛ dummienu, na abɔfoɔ dummienu tete apono no ano. Apono no so na wɔatwerɛ din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuo dummienu no din.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛwɔ ɔfasu kɛse tenten, na ɛwɔ aponkɛse dumien, na abɔfo dumien tete apon no ano. Apon no so na wɔakyerɛw din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuw dumien no din.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ne fasu no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din.