Revelation 21:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebesusuw kurow no ne n’apon ne ne fasu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ pema susudua a wɔde besusuw kurow no, nʼapon ne nʼafasu.