Revelation 21:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kurow no yɛ ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛw yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuw kurow no nkwansimma mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛw ne ne korɔn yɛ pɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na kurow no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem abien ne ahannan (2,400), na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.