Revelation 21:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ade hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.