Revelation 5:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei mihuu Oguamma bi sɛ ogyina ahengua no mfimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na Oguamma no sɛ nea wɔakum no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no.