Revelation 9:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wonnkum wɔn, na mmom wɔnhaw wɔn asram anum. Na wɔn haw no te sɛ nkekantwɛre a ɔka onipa bi de.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de.