Romans 1:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efisɛ emu na woyi Nyankopɔn trenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔteɛ fi gyidi mu no benya nkwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn ma yɛyɛ atreneefo, na ɛnam gyidi so na wama yɛayɛ saa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.