Romans 10:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mebisa bio sɛ: Israel anhunu? Mose na ɔdi kan ka sɛ: Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu, mede ɔman a wɔnnim hwee bɛyi mo abufuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mebisa bio sɛ: Israel anhunu? Mose na ɔdi kan ka sɛ: Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu, mede ɔman a wɔnnim hwee bɛyi mo abufuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mebisa bio sɛ: Israel anhu? Mose na odi kan ka sɛ: Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu, mede ɔman a wonnim hwee beyi mo abufuw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.”