Romans 11:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ, ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ aso a ɛmma wɔnnte asɛm, de bɛsi ɛnnɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko, ani a wɔmmfa nnhunu adeɛ ne aso a wɔmmfa nnte asɛm de abɛduru nnɛ da yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko, ani a wɔmmfa nnhunu adeɛ ne aso a wɔmmfa nnte asɛm de abɛduru nnɛ da yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko, ani a wɔmmfa nnhu ade ne aso a wɔmmfa nnte asɛm de abedu nnɛ da yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ bɔtee, ani a ɛmma wonhu ade aso a ɛmma wɔnte asɛm, de besi nnɛ.”