Romans 13:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim mmerɛ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei deɛ monim, monim ɛberɛ no, sɛ dɔn a mofiri nna mu sɔreɛ no anya adu, na afei yɛn nkwagyeɛ abɛn akyɛne berɛ a yɛdanee gyidifoɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei deɛ monim, monim ɛberɛ no, sɛ dɔn a mofiri nna mu sɔreɛ no anya adu, na afei yɛn nkwagyeɛ abɛn akyɛne berɛ a yɛdanee gyidifoɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi de munim, munim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi, efisɛ wunim dɔn ko a yɛwɔ mu. Bere adu sɛ wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ bere a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no.