Romans 14:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔatwerɛ sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔatwerɛ sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔakyerɛw sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa bɛbɔ Onyankopɔn din.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade ka se, mete ase yi, obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.”