Romans 15:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ mesii dan wɔ obi fapem so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ deɛ wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ deɛ wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ nea wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so.