Romans 15:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ amanaman mufoɔ anya wɔn honhom mu nnoɔma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde honam mu nnoɔma bɛsom wɔn bie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ amanaman mufoɔ anya wɔn honhom mu nnoɔma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde honam mu nnoɔma bɛsom wɔn bie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; efisɛ sɛ amanaman mufo anya wɔn honhom mu nneɛma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde ɔhonam mu nneɛma bɛsom wɔn bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no.