Romans 3:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛdɔɔso akwan horow nyinaa mu: Nea edi kan ne sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ahyɛ wɔn nsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yiw mfaso wɔ so. Nea edi kan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.