Romans 3:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afim. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma de so? Daabi, na mmom ɛnam gyidi mmara so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno de, na ahohoahoa wɔ he? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yedi so no nti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ogye yɛn no nnyina mmara a yedi so, na mmom, egyina gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu mu.