Romans 3:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa)
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ yɛn teɛ a yɛnteɛ yi na eyi Nyankopɔn trenee no kyerɛ a, yebese dɛn? Onyankopɔn nteɛ sɛ ɔde abufuw ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na obi bɛka se, “Sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn trenee adi kann a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuwhyew ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa)