Romans 4:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wayɛ twetiafoɔ agya nso, a ɛnyɛ sɛ wɔfiri twetiatwa mu nko, na mmom sɛ wɔtiatia yɛn agya Abraham gyidie a na ɔwɔ, ɛberɛ a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wayɛ twetiafoɔ agya nso, a ɛnyɛ sɛ wɔfiri twetiatwa mu nko, na mmom sɛ wɔtiatia yɛn agya Abraham gyidie a na ɔwɔ, ɛberɛ a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wayɛ twetiafo agya nso, a ɛnyɛ sɛ wofi twetiatwa mu nko, na mmom wotiatia yɛn agya Abraham gyidi a ɔwɔ, bere a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidi sɛnea na Abraham wɔ gyidi ansa na wɔretwa no twetia no.