Romans 4:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem a, ɛnneɛ na ɔwɔ deɛ ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem a, ɛnneɛ na ɔwɔ deɛ ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ efi nnwuma mu na wobuu Abraham bem a, ɛnne na ɔwɔ nea ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛe so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso ɔrentumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim.