Romans 7:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei de, sɛ yɛawu ama nea ɛkyekyere yɛn no nti, wɔasan yɛn afi mmara no ho ma yɛsom honhom foforoyɛ mu, na ɛnyɛ nkyerɛwee dedaw mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom.