Ruth 2:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Boas buaa sɛ, “Deɛ woayɛ ama wʼase ɛfiri wo kunu wuo akyi no nyinaa, wɔaka akyerɛ me, sɛ wofirii wʼagya ne wo maame ne wo ɔman na wo ne nnipa a wonnim wɔn baabiara no bɛtenaeɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Boas buaa no sɛ: Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛɛ w’ase no nyinaa, wɔatu aseɛ aka akyerɛ me; sɛdeɛ wogyaa w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ soɔ, na wonam baa ɔman a wonni wɔn da yi nkyɛn no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Boas buaa no sɛ: Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛɛ w’ase no nyinaa, wɔatu aseɛ aka akyerɛ me; sɛdeɛ wogyaa w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ soɔ, na wonam baa ɔman a wonni wɔn da yi nkyɛn no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Boas buaa no sɛ: Nea wo kunu wu akyi woyɛ maa w’ase no nyinaa, wɔaka ne nyinaa akyerɛ me: Sɛnea wugyaw w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ so, na wonam baa ɔman a wunnim wɔn da yi nkyɛn no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no.