Ruth 2:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛduruu adidiberɛ no, Boas frɛɛ no sɛ, “Bra ma yɛnnidi. Wotumi de wo burodo no bɔ nsã biara a wopɛ mu.” Enti, ɔne nʼayutwafoɔ no tenaa ase na Boas maa no aduane sene sɛdeɛ ɔbɛtumi adi mpo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Bra ha bɛdi aduane no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa kekakeka no mu. Na ɔbɛtenaa ayutwafoɔ no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee maa ebi kae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Bra ha bɛdi aduane no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa kekakeka no mu. Na ɔbɛtenaa ayutwafoɔ no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee maa ebi kae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eduu adidibere no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Twiw bra ha na bedi aduan no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa nyinyanyinya no mu. Na ɔbɛtenaa awitwafo no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee ma ebi kae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.” Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo.