Ruth 2:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Naomi hunuiɛ no, ɔteaam sɛ, “Ɛdɔɔso yie! Na ɛhe na ɛnnɛ woboaboaa saa atokoɔ yi nyinaa ano firi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira deɛ ɔboaa wo no!” Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kaa sɛ, “Deɛ meyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no, wɔfrɛ no Boas.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wokɔdii mpɛpɛ nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka deɛ n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wokɔdii mpɛpɛ nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka deɛ n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: Ɛhe na wukodii mpɛpɛw nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka nea n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira nea ɔboaa wo no!” Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.”