Ruth 2:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Rut kaa sɛ, “Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me sɛ, mensane mmra na me ne nʼatwafoɔ no mmɛtena kɔsi ɛberɛ a wɔbɛwie otwa no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Moabni Rut kaa sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmeranteɛ a mewɔ yi ho na bata kɔsi sɛ wɔbɛwie deɛ mewɔ nyinaa twa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Moabni Rut kaa sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmeranteɛ a mewɔ yi ho na bata kɔsi sɛ wɔbɛwie deɛ mewɔ nyinaa twa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Moabni Rut kae sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmerante a mewɔ yi ho na bata kosi sɛ wobewie nea mewɔ nyinaa twa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.”