Ruth 2:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Rut ne mmaa a wɔwɔ Boas afuom hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atokoɔ no ano kɔsii atokotwa no awieeɛ. Afei, ɔne wɔn twaa ayuo nso. Nanso, saa ɛberɛ no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛ de kɔsii sɛ wɔwiee atokoɔ ne ayuo no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛ de kɔsii sɛ wɔwiee atokoɔ ne ayuo no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛw de kosii sɛ wowiee atoko ne awi no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.