Song of Solomon 2:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Borɔdɔma agu nhyerɛnne; na bobe hwa agye baabiara. Sɔre bra, me dɔfoɔ; mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye, na obobe nnuabaforɔ reyi ne hwa. Sɔre, me dɔfoɔ, me yima, na bra ɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye, na obobe nnuabaforɔ reyi ne hwa. Sɔre, me dɔfoɔ, m’ahoɔfɛ, na bra ɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Borɔdɔma rema n’abunabun agyigye, na obobe nnwennaa reyi ne hua. Sɔre, m’adamfowaa, me yima, na bra ɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Borɔdɔma agu nhwiren; na bobe hua agye baabiara. Sɔre bra, me dɔfo; mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”