Song of Solomon 2:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no saa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu. Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomeka na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Me dɔfoɔ wɔ mmabanin ntam sɛ aprɛ a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam, ne nwunu mu na merepɛ matena, na n’aba yɛ me dodom dɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me dɔfoɔ da mmeranteɛ ntam sɛ aprɛ a ɛwɔ kwaeɛ mu nnua ntam, mede anigyeɛ kɛseɛ tenaa ne nwunu ase, na n’aba yɛ me dodom dɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Me dɔfo wɔ mmabanin ntam sɛ akutu a ɛwɔ kwae mu nnua ntam, ne nwini mu na mepɛ matena, na n’aba yɛ me dodom dɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no, saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu. Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomeka na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.