Song of Solomon 3:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ. Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho. Emu nsiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntweremu sika, n’adwa yɛ ntoma a ɛberedum, emu nso, Yerusalem mmammaa de ɔdɔ adura mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntweremu sika, n’adwa yɛ ntoma a ɛberedum, emu nso, Yerusalem mmammaa de ɔdɔ adura mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntwerimu sika, n’agua yɛ ntama a ɛberedum, emu nso, Yerusalem mmabea de ɔdɔ adura mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso. Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho; mu asiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmabea na wɔyɛe.