Song of Solomon 4:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ! Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa, na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ, me nuabaa, m’ayeforɔ, sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ sene nsa, na wo sradehwam hwa sene duhwam biara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ, me nuabaa, m’ayeforɔ, sɛdeɛ wo dɔ si yɛ dɛ sene nsa, na wo sradehwam hwa sene duhwam biara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wo dɔ yɛ fɛ dɛn ara, me nua, ayeforo, wo dɔ yɛ dɛ sen nsa dɛn ara, na wo sradehuam hua sen nnuhuam nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wo dɔ yɛ anigye, me nuabea, mʼayeforo! Hwɛ, wo dɔ sɔ ani sen bobesa, na wʼaduhuam yɛ huam sen pɛprɛ biara.