Song of Solomon 4:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ, wo ne me mfiri Lebanon nkɔ. Siane firi Amana atifi bra, firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, firi agyata buo mu ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
M’ayeforɔ, ɛne me mfiri Lebanon, ɛne me mfiri Lebanon nkɔ, na yɛmfiri Amana atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔ so, nhwɛ fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
M’ayeforɔ, ɛne me mfiri Lebanon, ɛne me mfiri Lebanon nkɔ, na yɛmfiri Amana atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔ so, nhwɛ fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ayeforo, wo ne me mfi Lebanon, wo ne me mfi Lebanon nkɔ, na yemfi Amena atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔw so, nhwɛ fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo, wo ne me mfi Lebanon nkɔ. Sian fi Amana atifi bra, fi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, fi gyata buw mu ne mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.