Song of Solomon 5:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a enti wohyɛ yɛn sei?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfoɔ bie, O mmaa mu ɔhoɔfɛni? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfo bie, sɛ woka ntam gu yɛn so seyie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfoɔ bie, O mmaa mu ɔhoɔfɛni? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfo bie, sɛ woka ntam gu yɛn so seyie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi, mmea mu ɔhoɔfɛfo? Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi, sɛ woka ntam gu yɛn so sɛɛ yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo, mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a enti wohyɛ yɛn sɛɛ?